Number: N16
Category:
Title:
Twi Title: Ha Na Mɛtra Ahome Daa
1. Ha na mɛtra ahome daa, Mɛbɛn Wo mfem' mogyan; M'anidaso ne m'asɛm ni 'Gyenkwa no wu maa me. 2. M'Agyenkwa Nyame Worewu, Bɔn' ne 'fodi nsuti, Fa Wo mogya pa no guar' me, Na ma me ho ntɛw kronn. 3. Guar' me na fa me yɛ Wo de; Guar' me, na Wowɔ me; Guar' me na nyɛ me nan ho nko Me nsa, me ti, koma. 4. Fa Wo mpata mogya no kam', Kosi sɛ gyidi ne Anidaso bɛsow aba, Na me kra bɛadan dɔ.
Share Hymn N16
© 2026 SDA Twi Hymnal - Complete digital Twi SDA Hymnal with lyrics, audio, and search.