Number: N21
Category:
Title:
Twi Title: Wo 'S'ro Abangua Yɛ Fɛ
1. Wo 's'ro abangua yɛ fɛ, Wɔ hann ne dɔ man no mu; Wo fam abangua yɛ fɛ, Bɔne be yaw man yi mu: O ɔdomfo Nyankopɔn, Me mu honhom kɔn adɔ Ahotefo nkɔmmɔdi W'anim hy'rɛn ne Wo mayɛ. 2. N-hyira ne nnomaa a Wokyin Wo mmuka ho hyia; N-hyira ne akra a Wɔhome Agya kokom'; Wɔte sɛ 'b'rɔnoma a Wannya homebea fam ha: Wotum' san kɔ 'daka nom', Kɔhome wɔ ɔdɛw mu 3. 'Kra 'nigyefo 'yeyi sen Wɔ mmusu bon yi mu mpo; N-su pue wɔ sare so, Mana fi soro yɛn wɔn; Wonya 'hoɔden tu wɔn kwan, Bedu W'ahengua no ho, Hwe Wo nan ase som Wo Sɛ Wo na Woagye wɔn dwoo 4. 'Wura, ma ensi me sa: Boa me bɔn' wiase yi mu; Fa me sie Wo gye dom mu; Ma minnya Wo nkyɛn trabea: Woye 'Wia ne akokyɛm, Mma me koma n-to kwan; 'Dom ne 'nuoyam fi Wo hɔ, O'Wura, hwie gu me so.
Share Hymn N21
© 2026 SDA Twi Hymnal - Complete digital Twi SDA Hymnal with lyrics, audio, and search.