Number: N34
Category:
Title:
Twi Title: Fa w'ahoɔden ny'naa yɛ 'dwuma
1. Fa w'ahoɔden ny'naa yɛ 'dwuma, Fa 'nigye yɛ w'Agya 'pɛde; ɛyɛ kwan a 'W'ra no faa so; ɛnsɛ sɛ Nakoa fa so bi 2. Yɛ adwuma; woremm'rɛ ngu Fam adehw'rew yɛ s'ro mfaso: Sɛ nnipa ntiew', nnɔw', nyiw ayɛ a 'W'ra n' bɛkamfo', nnipa yɛ dɛn 3. 'Dekye wɔ hɔ yi yɛ 'dwuma; Wiase 'nadwo sum reba ntɛm; Yɛ w'dwuma ɔhare so; Wɔmfa anihaw nnye akra. 4. Kɔ so, ntɔ beraw, wɔn bɔ mpae; Yɛ 'badwemma, gye akra nkwa; Fi adi kɔ wiase mm'rɔn so, Hyɛ wɔn a wɔafom kwan bra fie. 5. Ma w'ani nnye w'adwuma yɛm'; ɔbrɛ akyi wɔ ɔhome; Wobɛte Ayef'rokun' nne Ɔdasu mu sɛ, “Hwɛ Maba!”
Share Hymn N34
© 2026 SDA Twi Hymnal - Complete digital Twi SDA Hymnal with lyrics, audio, and search.