Number: N37
Category:
Title:
Twi Title: Yesu refrɛ wo bɔkɔɔ
1. Yesu refrɛ wo bɔkɔɔ sɛ bra fie, Ɔrefrɛ wo, refrɛ wo nnɛ; Dɛn nti na wufi ɔdɔ hann no ho Na worefom kwan kɔ yi? Nnyeso: Ɔrefrɛ wo, refrɛ wo nnɛ- Yesu de nne bɔkɔɔ refrɛ wo, refrɛ wo nnɛ 2. Yesu frɛ 'brɛfo sɛ Ɔmmɔhome' Ɔrefrɛ wo, refrɛ wo nnɛ: Fa w'adesoa brɛ No n'Obegyiraw' Ɔrempam wo mfi Ne nkyɛn. 3. Yesu retwɛn wo, O, bra Ne nkyɛn nnɛ; Ɔretwɛn wo, retwɛn wo nnɛ, Fa wo bɔne bra bɛkoto N'anim; Bra, ntwentwɛn wo nan ase. 4. Yesu redi ma wo, O tie Ne nne, Tie Ne nne, tie Ne nne nnɛ, Wɔn a wɛgye No di ani bɛgye: Ka wo ho na sɔre kɔ.
Share Hymn N37
© 2026 SDA Twi Hymnal - Complete digital Twi SDA Hymnal with lyrics, audio, and search.