Number: N40
Category:
Title:
Twi Title: Nyame Hu 'Patuprɛ 'Sehwe
1. Nyame hu 'patuprɛ 'sehwe, Ne yam hyehye ma no; Sɛ Nyame dɔ nnomaa nkumaa~a, Minim ɔdɔ me nso. Nnyeso: Ɔdɔ me nso, Ɔdɔ me nso, Minim Ɔdɔ me nso; 'Fisɛ Ɔdɔ nneɛma nkumaa, Minim Ɔdɔ me nso. 2. Ofura sukooko ntama, Ɔma no ho yɛ huam; Sɛ Ɔdɔ n-hwiren nkumaa~a Minim Ɔdɔ me nso. 3. Nyame yɛɛ nnomaa ne nhwiren Ne nneɛma nyinaa nso; Ne werɛ remfi Ne mmofra, Minim Ɔdɔ me nso.
Share Hymn N40
© 2026 SDA Twi Hymnal - Complete digital Twi SDA Hymnal with lyrics, audio, and search.