Number: N41
Category:
Title:
Twi Title: Gyina Nokwar' Asɛm So
1. Gyina nokwar' asɛm so, Suo Nyame mm'ra mu, Di gyidifo no nso ni! Wɔnkamfo Daniel kuw! Nnyeso: Si wo bo sɛ Daniel, Si wo bo gyina; Nya botae a ase tim, Na yi no adi! 2. Atumfo pii ayera, Wɔantum' annyina, Na wɔyɛ Nyame 'safo Sɛ wɔf'raa Daniel kuwm'! 3. Aberan akɛse a Wɔafa nsase yi, Sɛ wohyia Daniel kuw a, Wɔbɛhwehwe ase. 4. Ma 'nidahɔ frankaa so, Di nkonim kɛse! Di Satan ne ne dɔm so, Na teɛm ma Daniel kuw!
Share Hymn N41
© 2026 SDA Twi Hymnal - Complete digital Twi SDA Hymnal with lyrics, audio, and search.