Number: N42
Category:
Title:
Twi Title: Momfa Ntoso Du Ny'naa Mmra
1. Muntie nea ky'rɛwsɛm aka tete no sɛ; “Momfa ntoso du ny'naa mmra koradanm'; Monyɛ no kronkronne a ɛka hɔ daa, Na montwer' Ne bɔhyɛ pa no. Nnyeso: “Momfa ntoso du ny'naa mmra kora danm', Monsɔ Me nhwɛ: Yehowa n'Ose, Na Minhwie nhyira Me mma mo, Mma ɛmm'ro so a monnya korabea?” 2. Mopɛ sɛ muhu Honhon Kronkron tum' no? “Momfa ntoso du ny'naa mmra koradanm'; Mo ne No nni nkɔmmɔ berebiara mu, Na W'ama mo bɔhyɛ pa. 3. So b'ribi siw mo ne mo Wura ntam' kwan “Momfa ntoso du ny'naa mmra koradanm'”; Momfa mmra sɛnea W'ahyɛ bɔ no ara, Na Ɔbɛma mo nhyira pa. 4. Munhim nnwom pa ma ennyigye wɔ ewim, Mode ntoso du aba ɔdan mu 'I; Halleluya fi yɛn koma mu sɔre, 'Fisɛ yɛanya bɔhyɛ pa no.
Share Hymn N42
© 2026 SDA Twi Hymnal - Complete digital Twi SDA Hymnal with lyrics, audio, and search.