Number: N8
Category:
Title:
Twi Title: Honhom Kwankyerɛfo Pa
1. Honhom kwankyerɛfo pa' a Wobɛn kristoni nkyɛn daa, Sɔ yɛn nsa kyerɛ yɛn kwan Sare so 'kwantu yi mu. Akra b'rɛfo anigye, B're w o nne bɔkɔɔ no, Ka brɛoo sɛ 'Kwantofo, bra! Di M'akyi, ma yɛnkɔ fie'. 2. Dɔfo bɛnkyere nokafo, Wobɛn sɛ Wobɛboa yɛn, Nnyame yɛn mma 'kyinnye ne hu, Mma yɛnnka sum huhu mu; Ahumtu ma yensuro, Na anidaso pa a, Ka bɛroo sɛ, 'Kwantofo, bra! Di M'akyi ma yɛnkɔ fie. 3. Sɛ yɛn brɛ nna yi sa na Yɛrentwɛn 'home pa no, De mpaebɔ hwɛ soro nko, Dwen sɛ wɔaky'rɛw yen din hɔ' a; B're a yɛnam nsuy'ri mu Resrɛ Yesu mogyam' yi, Ka brɛoo sɛ 'Kwantofo, bra! Di M'akyi, ma yɛnkɔ fie'.
Share Hymn N8
© 2026 SDA Twi Hymnal - Complete digital Twi SDA Hymnal with lyrics, audio, and search.