Number: NG13
Category:
Title:
Twi Title: Mehwε Nyame
1. O m'abrabɔ mu nsɛm yɛ Awerɛho Nanso Onyame nti mempa aba; Nea ɛbɛsi biara mepɛ Menim sɛ b're pa bɛba. Nnyeso: Mehwɛ Nyame, mehwɛ Nyame, Mɛsu mafrɛ me Nyame daa nyinaa; Mɛgyina pintinn, mempa ab da; Ɔbrɛ biara akyi wɔ 'home. 2. Sɛ esum duru me kwan mu, Na mede me ti pempem; B're' a m'anidaso nyinaa asa'a, Mede bɛhyɛ Nyame nsa 3. Sɛ akwantu yi mu yɛ den mpo, Na menni werɛ kyekyefo a, B're a awɔse bɔne akye me no, Onyame bɛhyɛ me den 4. Awerɛho ne su yi to bɛtwa, Efisɛ Nyame bɛdi ama me; B're a meto m'ani a ɛnsia no Metoa Agyenkwa mpaebɔ mu.
Share Hymn NG13
© 2026 SDA Twi Hymnal - Complete digital Twi SDA Hymnal with lyrics, audio, and search.