Number: NG19
Category:
Title:
Twi Title: Onyame Yeda Woase
1. Onyame yɛda W'ase, Woama mfenhyia pii ato yɛn; Ghana S.D.A. Asafo, Momma yɛn nyinaa mmɔ 'se. Nnyeso: Haleluya, mommɔ se, ose ye, aye aye. Haleluya, Mommɔ se, Akwanhwɛfo mommɔ se 2. Onyame yeyi W'ayɛ, Woama 'somwoe pii aka yɛn. W'asafo anya nkɔso pii, Ama Wo mma 'di nkonim. 3. Onyame yɛbɛsom Wo, Wotumi abɔ yɛn ho ban. Yɛbɛhim nkonimdi frankaa, Wɔ sika mpoano hɔ bi. 4. Onyame yɛretwɛn Wo, Fa W'anuonyam kata yɛn so Fa Wo honhom no hyɛ yɛn den, Kosi sɛ Kristo bepue.
Share Hymn NG19
© 2026 SDA Twi Hymnal - Complete digital Twi SDA Hymnal with lyrics, audio, and search.