Number: NG3
Category:
Title:
Twi Title: B're Bεn Na Ade Bεkye
1. Menim sɛ da bi ade bɛkye, 'Fisɛ 'sum nni Nyame mma so tumi; Yehowa no ara pɛ mu na, 'Sum Duru Ne mma' Nanso ɛyɛ b're tiaa mu Adesua kɛse. Nnyeso: B're bɛn na 'de bɛkye 'Sum akyi na 'de bɛkye Sɛ 'sum duru yɛn twam Na mununkum si a Yɛnim sɛ hann wɔ Mununkum akyi. 2. 'Sum mu honam aniwa nhu hwee, Nanso gyidi aniwa hu Nyame yie; Ne hann no yi Ne ho adi, 'Sum kɛse biara mu; Ma Ne mma a wɔtie No Yɛ N'apɛde nyinaa. 3. Yehowa, ma me gyidi aniwa, Ma menhu Wo 'sum kɛse b're mu mpo; Ma me honhom a mɛtumi De atwɛn Wo nkwagye; De atwɛn Wo nkwagye; Na manya Wo hɔ ade Pa b're pa mu.
Share Hymn NG3
© 2026 SDA Twi Hymnal - Complete digital Twi SDA Hymnal with lyrics, audio, and search.