Number: NG4
Category:
Title:
Twi Title: Soε Me
1. Kanaan kwan so fa yɛ den, Akwanside pii wɔ mu; Adesoa biara ma 'hok'rɛ, Enti soɛm' adesoa yi. Nnyeso: Soɛ me Agyenkwa soɛ me (Bɔne adsoam' yɛ d'ru) Bɔne adesoa bi so me Mɛyɛ dɛn mafa kwan yi so. 2. Honam nnwuma mu yɛ d'ru, 'Hoɔyaa, 'bufu ne ɔtan; Nea 'ka ho nyinaa ara so me, Dom me soɛm' adesua yi. 3. 'Werɛhosɛm bi nto 'yi, Wobɛka sɛ Wonni me; 'Fisɛ me nnwuma wɔ nnipa anim, Na metɔ sin honhom mu. 4. Menni kwati kwan biara a, Mede bɛba Wo nkyɛn hɔ; Gye sɛ mefa kwan hiaa yi so, Nanso gye sɛ Wodom me.
Share Hymn NG4
© 2026 SDA Twi Hymnal - Complete digital Twi SDA Hymnal with lyrics, audio, and search.