Number: NG7
Category:
Title:
Twi Title: De Bכnyεni A כte Sε Me
1. Debɔn 'yɛni a ɔte sɛ me Nanso Agya no dɔ me; Sɛ Nyame mekae Wo dɔ yi a, Na m'ani awu me tirim. O Awurade sakra me, Na ma menyɛ nea Wopɛ. Sakra me, sakra me, Na menyɛ Wo de daa. Nnyeso: Agya fa me, Agya fa me, Fa me fra Wo de mu; Sesa me Awurade, Sesa me Awurade, Mo menyɛ foforɔ 2. Mɛdi ahurisi Wo din ho, Na mani gye W'adɔe ho; Mene hwan Awurade, mete ase Wɔ saa ahokyere yi mu; Wo nsam na me honhom hyɛ, Menni guankɔbea biara; Te W'anim kyerɛ W'akoa, Fa W'adɔe gye me nkwa. 3. Awurde, mma m'anim ngu ase, Bre a meda so twere Wo; Nhwɛ m'amumuyɛ,Awurade Ntua me so ka; Mentumi nnyina W'abufuo ano Mentumi ne Wo nni ako Awurade, Awurade W'akyi obi nni hɔ 4. Mɛto Awurade adɔe ho nnwom, Mɛyi Ne din akyerɛ aman; Memma Ne din nyɛm' aniwu, Mɛbɔ no b're a ɛsɛ mu Menim sɛ Nyame bɛ tie me Na Wayɛ nsɛnhia ama me Me Wura tie, me Wura tie, Wo mma teateam frɛ wo.
Share Hymn NG7
© 2026 SDA Twi Hymnal - Complete digital Twi SDA Hymnal with lyrics, audio, and search.